Amos 9:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛdane me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu, na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛdane me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu, na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛdan me man Israel nnommumfa no, na wɔabɛkyekyere nkurow agowagow no atena mu, na wɔatɛw bobe nturo na wɔanom mu nsa, na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba. “Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa; wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.