Amos 9:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wofunu kɔ asaman a, me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn mefi hɔ masian;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, hɔ na meyi wɔn afi aba fam.