Amos 9:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn, na mede m’ani bɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfo anim a, ɛhɔ na mɛhyɛ afoa na akunkum wɔn, na mede m’ani mɛhwɛ wɔn mama bɔne na ɛnyɛ papa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a, hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn. “Megyen mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”