Colossians 1:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorankorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno na yɛbɔ dawuru, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ nkorowankorowa biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde onipa biara besi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu.