Colossians 2:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wɔnhunuu me da no hunu aperepereɛ denden a meredi wɔ wɔn ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mepɛ sɛ muhu apereapere dennen a midi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wonhuu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu aperepere dennen a meredi wɔ wɔn ho.