Colossians 4:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wɔkenkan nhoma yi mo nkyɛn wie a, momma wɔnkɔkenkan Laodikeafo asafo no mu bi, na mo nso monkenkan nea efi Laodikea no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mokenkan saa nhoma yi wie a monhwɛ sɛ mobɛkenkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkenkan nhoma a efi Laodikea no.