Daniel 1:2 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.