Daniel 1:4 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
mmerantewaa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani ateɛ, nyansa nyinaa mu, na wɔnim de na wɔwɔ nhunumu, na wɔbɛtumi asom wɔ ɔhene ahemfie, na ɔnkyerɛ wɔn mma wɔnsua Kaldeafoɔ nwoma ne kasa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma.