Daniel 1:5 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene yii wɔn ahennuane no bi, da biara ne ne deɛ, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔntete wɔn mfeɛ mmiɛnsa; na ɛno akyi wɔmmɛsom ɔhene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo.