Daniel 10:11 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Daniel, ɔdɔfo, tie nsɛm a merebɛka makyerɛ woɔ yi, na gyina wo nan so, ɛfiri sɛ wɔasoma me wo nkyɛn. Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede ahopopoɔ megyinaa hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkae se, “Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.