Daniel 10:13 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Persia ahemman bapɔmma siankaa me nnawɔtwe mmiɛnsa, na hwɛ, Mikael a ɔyɛ abɔfoɔ atitire no mu baako, ba bɛboaa me, na metenaa hɔ wɔ Persia ahemfo no nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie wɔ Persia hene nkyɛn.