Daniel 10:14 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Seesei, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri sɛ saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho.”
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na maba sɛ merebɛma woate deɛ ɛbɛyɛ wo man, nna a ɛdi akyire no mu. Na nna no ho anisoadehunu da so wɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mprempren, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho.”