Daniel 10:21 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso merekyerɛ wo deɛ wɔakurukyire no nokorɛ nwoma mu, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina asɔ me mu atia yeinom gye Mikael, mo bapɔmma no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw wɔ Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.