Daniel 10:3 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.