Daniel 10:6 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ne nipadua te sɛ sikabereɛboɔ, na n’anim te sɛ anyinam, na n’ani te sɛ ogyaframa, na n’abasa ne ne nan te sɛ yaawa a wɔahoa ho, na ne kasa nnyegyeeɛ te sɛ nnipa dodoɔ nne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nipadua no te sɛ aboɔdemmo. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te sɛ ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te sɛ nnipakuw nnyigyei.