Daniel 11:13 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atifi fam hene no bɛsane de asafo yuu a ɛso sene kane deɛ no abɛgyina hɔ, na mfeɛ bi akyiri no, ɔde dɔm kɛseɛ ne ade pii bɛba anafoɔ hene so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa asraafo afoforo a wɔdɔɔso sen kan de no, na mfirihyia bebree akyi no, ɔde asraafo dɔm kɛse a wɔwɔ akode betu ɔsa.