Daniel 11:17 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde bɛsi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔde mmaa no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; nanso ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfasoɔ biara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahenni no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafo fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babea bɛma no aware, na ɔnam so agu nʼahenni no, nanso nʼatirimpɔw yi renyɛ yiye na ɛremmoa no.