Daniel 11:26 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a wɔne no to nsa didie na ɛbɛsɛe no, na wɔapia ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhama no bɛbɔ mmɔden sɛ wobehuan nʼase antweri; wobetwiw afa ɔhene no asraafo no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu.