Daniel 11:7 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Obi a ofi anafo fam babea abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dɔm bɛba abɛhyɛn ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.