Daniel 11:8 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛfa wɔn anyame, ahoni a wɔde dade ayɛ ne wɔn ademude a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfe bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afi ɔhene a ɔwɔ atifi fam no ho.