Daniel 2:11 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene abisadeɛ yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a ɔbɛtumi aka wo daeɛ no gye anyame. Nanso, wɔn tenabea nni ewiase yi mu.”
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɛm a ɔhene rebisa yi yɛ den dodo, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛtumi akyerɛ no ɔhene anim, gye anyame a wɔn tenabea nni honam mufoɔ nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene abisade yi yɛ den dodo. Obiara nni hɔ a obetumi aka wo dae no gye anyame. Nanso wɔn tenabea nni wiase yi mu.”