Daniel 3:14 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi hɔ no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, moboapa na monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nebukadnessar bisaa wɔn se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokware sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no?