Daniel 3:28 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Nebukadnessar kaa sɛ, “Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Nebukadnessar kae se, “Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn. Ɔsomaa ne bɔfo, ma wobegyee nʼasomfo a wogye no di no. Wobuu me, ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam mae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara, gye wɔn Nyankopɔn.