Daniel 4:19 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.” Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwirii no kakra ara sann, na n’adwene haa no. Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Beltesasar, mma daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ nnha wo. Beltesasar kaa sɛ: Me wura, anka ma daeɛ no mfa wɔn a wɔkyiri woɔ ho, na ne nkyerɛaseɛ mfa w’atamfo ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.” Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so!