Daniel 4:35 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase so nnipa nyinaa, wɔmmu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara. Na nnipa a ɛwɔ asase so mu biara ntumi nsi no ɛkwan anaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?”
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase so nnipa nyinaa, wommu wɔn hwee. Ɔde ɔsoro tumi yɛ nea ɔpɛ biara. Na nnipa a wɔwɔ asase so mu biara ntumi nsiw no kwan anaa ommisa no se, “Dɛn na woayɛ yi?”