Daniel 4:36 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛberɛ no mu ara na m’adwene sane baa me mu, na deɛ ɛbɛyɛ na m’ahennie agye din bio nti, m’animuonyam ne me haran sane baa me so, na m’agyinatufoɔ ne m’aberempɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahennie so bio, na wɔde tumi a ɛsene kane deɛ no maa me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no.