Daniel 4:8 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no.