Daniel 6:7 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn sohwɛfoɔ, mpanimfoɔ, ahenemma, afotufoɔ ne mpanimfoɔ a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a ɛdi animu yi, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔbɛbɔ mpaeɛ akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto agyata amena mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ahemman yi mu aberempɔn, mmakoma, amantam ahemfo, agyinatufoɔ ne amradofoɔ nyinaa atu agyina sɛ wɔde ɔhene mmara bɛbara na wɔahyɛ ɛmom mmaraden sɛ: Obiara a ɔbɛbisa onyame bi anaa onipa bi hɔ adeɛ biara adaduasa yi, gye wo, ɔhene, hɔ no, wɔde no bɛto agyata amena mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛn mpanyimfo, ahenemma, afotufo ne mpanyimfo a aka no nyinaa apene so sɛ, ɛsɛ sɛ Nana hyɛ mmara sɛ, adaduasa a edi anim yi, obiara nni ho kwan sɛ ɔbɛbɔ mpae akyerɛ onyame bi anaa onipa bi a ɛnyɛ wo Nana no, wɔde no bɛto gyata amoa mu.