Daniel 7:9 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Migu so rehwɛ no, “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram.