Daniel 9:18 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yɛ aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yɛ aso, me Nyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da so a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn trenee nti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no nti.