Daniel 9:19 — Compare Translations

3 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na yɛ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ, wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so.”
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, tie! Awurade, fa kyɛ! Awurade, tie na yɛ! Wo nti, me Nyankopɔn, ntwentwɛn wʼanan ase, efisɛ wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfo so.”