Daniel 9:7 — Compare Translations
3 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ Awurade, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase.