Deuteronomy 1:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnna mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no mma yɛn na wɔmmɛka deɛ wɔbɛhunu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn ɛkwan ne nkuro ko a yɛbɛfa so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna mo nyinaa mutwiw bɛn me kae sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka ɔkwan ko a yɛbɛfa so ne nkurow a yebedu so no ho asɛm nkyerɛ yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkae se, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no so mma yɛn na wɔmmɛka nea wobehu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ne nkurow ko a yɛbɛfa so.”