Deuteronomy 10:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade twerɛɛ Mmaransɛm Edu no a ɔdii ɛkan twerɛ firii ogya mu wɔ bepɔ no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apono no so. Na Awurade de maa me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkyerɛw apon no so sɛ kan nkyerɛwee no, nsɛm du no a AWURADE fi ogya no mu ka kyerɛɛ mo, bepɔw no so guabɔ da no, na AWURADE de maa me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na Awurade de maa me.