Deuteronomy 11:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na AWURADE abufuw annɛw anhyɛ mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osu nntɔ na asase mmma ne nnɔbae, na moansɛe ntɛmso amfi asase pa a AWURADE de rema mo no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno na ɛbɛma Awurade abufuw ahuru atia mo; na ɔbɛto ɔsoro mu, na osu rentɔ, na asase remmɔ aduan biara, na ɛrenkyɛ na moawuwu afi asase a Awurade de rema mo no so.