Deuteronomy 11:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mo nna aware asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so.