Deuteronomy 12:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ monya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ monni soɔ no so, na ɔma mo home firi mo atamfoɔ a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ munya twa Yordan kɔtena asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so, na ɔma mo home fi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na motena ase dwoodwoo a,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo.