Deuteronomy 12:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛnneɛ faako a AWURADE mo Nyankopɔn bɛyi ama ne din atena no, ɛhɔ na momfa deɛ merehyɛ mo no nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo kum afɔdeɛ ne mo ntotosoɔ du du ne mo nsam mmasoɔ adeɛ ne mo bɔhyɛ adeɛ a moyie a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛnne faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi ama ne din atena hɔ no, ɛhɔ na momfa nea merehyɛ mo no nyinaa nkɔ: Mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du, ne mo nsam soma afɔrebɔde ne mo bɔhyɛ ade a muyi a mode hyɛ AWURADE bɔ no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no.