Deuteronomy 12:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɛnsɛ sɛ wodie wɔ wo nkuro mu ne: W’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ntotosoɔ du du ne w’anantwie ne wo nnwan mmakan ne wo bɔhyɛ adeɛ biara a woahyɛ ho bɔ ne w’ayamyi afɔdeɛ ne wo nsam mmasoɔ adeɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɛnsɛ sɛ wodie wɔ wo nkuro mu ne: W’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ntotosoɔ du du ne w’anantwie ne wo nnwan mmakan ne wo bɔhyɛ adeɛ biara a woahyɛ ho bɔ ne w’ayamyi afɔdeɛ ne wo nsam mmasoɔ adeɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɛnsɛ sɛ wudi wo nkurow mu ne: W’aburow ne wo nsa ne wo ngo ntotoso du du, ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, ne wo bɔhyɛ ade biara a woahyɛ ho bɔ, ne w’ayamyi afɔre ne wo nsam soma ade;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi.