Deuteronomy 14:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn. Monnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Munnni aboa funu; fa ma ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu ma onni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa aguammaa ne na nufu mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monnwe aboa biara a mubehu sɛ wawu. Momfa mma ɔhɔho a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa de, monnwe, efisɛ wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Nyankopɔn no. Monnnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.