Deuteronomy 14:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Momfa saa ntotosoɔ dudu yi mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo na momfa nkamfo ne din na monni wɔ nʼanim. Mo aburoo, mo nsa, mo ngo ne mo anantwie ne mo nnwan abakan mmarima nso, monyɛ wɔn saa ara. Ntotosoɔ dudu no botaeɛ ne sɛ, ɛkyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ daa mosuro Awurade, mo Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na di no wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim wɔ faako a ɔbɛyi sɛ ne din ntena no, w’aburoo, wo nsa ne wo ngo so ntotosoɔ du du, w’anantwie ne wo nnwan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a obeyi sɛ ne din ntena no na di w’aburow ne wo nsa ne wo ngo so ntotoso du du ne w’anantwi ne wo nguan mmakan, na woasua AWURADE wo Nyankopɔn suro nna nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munni mo atoko, nsa, ne ngo, ne mo anantwi ne nguan abakan wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ ɛyɛ atenae wɔ ne din mu na ama moasua sɛnea wosi di Awurade, mo Nyankopɔn no ni daa.