Deuteronomy 15:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mo anantwie ne mo nnwan mmakan anini no, monyi nsi hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mo anantwie mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuo mu nkɔyɛ nnwuma na monntwitwa mo nnwan mmakan ho nwi nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
W’anantwie ne wo nnwan mmakan anini a wɔbɛwoɔ no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwie abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nnwan abakan ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
W’anantwi ne wo nguan mmakan anini a wɔbɛwo no, yɛ wɔn kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Mfa wo nantwi abakan nyɛ adwuma, na ntwitwa wo nguan abakan ho;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso.