Deuteronomy 15:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ wɔnnyaa mu nkyɛ nie: Ɔdefɛmni biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ɔntua, ɛfiri sɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wɔnkyɛ ade no ni: Ɔdefɛmfo biara a ɔde biribi afɛm ne yɔnko mfa nkyɛ no; ɔnnhyɛ ne yɔnko ne ne nua sɛ ontua, efisɛ wɔapae no adekyɛ afe ama AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no.