Deuteronomy 16:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monnni burodo a mmɔreka wɔ mu; monni burodo a mmɔreka nni mu nnanson, ɛfiri sɛ, ɔherɛ so na mofirii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nkwa nna nyinaa mobɛkae ɛberɛ a motu firii Misraim no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nni mmɔreka paanoo nka ho; nnanson na di apiti, amanehunu paanoo, ɛfiri sɛ ɛherɛ so na wofirii Misraim asase soɔ, na woakae wo Misraim asase so fire da no, wo nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nni mmɔkaw nka ho; nnansɔn na di apiti, amanehunu abodoo, efisɛ ɔhare so na wufii Misraim asase so, na woakae wo Misraim asase so fi da no, wo nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no.