Deuteronomy 17:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo faako a AWURADE bɛkyerɛ no so, na hwɛ na yɛ sɛdeɛ wɔbɛkyerɛ woɔ nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo, faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ, no so, na hwɛ na yɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ wo nyinaa:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munni gyinae a wobesi wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no so pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ yiye na munni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.