Deuteronomy 18:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na odiyifoɔ biara a ɔnam onyame foforɔ bi so ka asɛm anaa ɔdi atorɔ wɔ me din mu no bɛwu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na odiyifoɔ a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka, ne deɛ ɔbɛkasa anyame foforɔ din mu no, odiyifoɔ ko no bɛwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na odiyifo a ɔbɛma ne ho so aka asɛm bi, me din mu, a menhyɛɛ no sɛ ɔnka ne nea ɔbɛkasa anyame foforo din mu no, odiyifo ko no bewu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.”