Deuteronomy 18:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne kyɛfa a asɔfoɔ no bɛnya afiri anantwie ne odwan a nnipa no de bɛbɔ afɔdeɛ no mu: nʼabati, nʼapantan ne nʼayamdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei nyɛ asɔfoɔ no kyɛfa a ɛfiri ɔman no nsam mfiri wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ no nkyɛn, nantwie oo, odwan oo: Wɔmfa basa ne abɔgyeɛ ne efuro mma ɔsɔfoɔ no;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi nyɛ asɔfo no kyɛfa a efi ɔman no nsam, mfi wɔn a wɔbɔ afɔre no nkyɛn, nantwi oo, oguan oo: Wɔmfa basa ne abogye ne ofuru mma ɔsɔfo no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde.