Deuteronomy 18:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ monya duru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so a, monhwɛ yie na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanneɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so a, nsua amanaman no nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no yɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so a, nsua amanaman no akyide no yɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ munya du asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no.