Deuteronomy 19:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a ɔde rema wo sɛ di soɔ no so, na woanni mogya ho so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so, na woanni mogya ho so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monyɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwie mogya a enni fɔ no ngu mo asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ mo agyapade no so, na moanni mogyahwiegu ho fɔ.