Deuteronomy 2:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna yɛdan yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ sare so, Mmɛw-Po kwan so, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkɔntɔn faa Seir bepɔw ho nna pii.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, yɛsan yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ sare so wɔ baabi a Po Kɔkɔɔ no da hɔ sɛnea Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenantew faa Seir bepɔw man no ho nna bebree.